Apocrypha

Sirach Chapter 1
?

5 [Nyansa farebae ne Nyankopɔn asɛm a ɛwɔ soro no, na n’akwan ne mmara nsɛm a ɛnni awieeɛ no.][2]

nan nan sentiment

6 Nyansa nhini, hwan koraa na wɔayi no adi akyerɛ no? Adwene a ɛyɛ nnam, hwan na ɔnim?

nan nan sentiment

1 NHYƐNMU Nyansa a ɛfiri Yesu a n’agya ne Sirak a wɔsane frɛ no Eklesiastikus no, ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yosua (anaasɛ Yesu) na ɔtwerɛɛ no Hebri kasa mu, na akyire yi no, ne nana kyerɛɛ aseɛ kɔɔ Hela kasa mu. Nsɛm a ɛwɔ mu bi yɛ Yudafoɔ nyansa nsɛm a ɛbɔ Yudasom ho ban sɛ, Onyankopɔn de nokorɛ nyansa ama ne nkurɔfoɔ. Wɔaka nsɛm bi a ɛfa nyamesom, esu ne deɛ ɛfa abɔdeɛ ho, wɔ abebuo mu a ebi yɛ tentene na ebi nso yɛ tiawa. EMU NSƐM • Deɛ wɔde kamfo nyansa (Ɔfa a ɛdi kan) 1.1—23.27 1. Asodie, akatua ne afotuo a wɔde di dwuma 1.1—16.23 2. Nyankopɔn nyansa ne onipa mmuaeɛ 16.24—23.27 • Nyansa ho ayeyie (Ɔfa a ɛtɔ so mmienu) 24.1—50.21 1. Nyansa ne papa 24.1—32.13 2. Nyankopɔn nyansa ne onipa som ne n’adwuma 32.14—42.14 3. Nyankopɔn animuonyam wɔ abɔdeɛ mu 42.15—43.33 4 Deɛ wɔde kamfo agyanom 44.1—50.21 • Deɛ ɛtwa toɔ ne nkekaho 50.22—51.30 Kasakane Wɔnam Mmara ne Adiyifoɔ ne afoforɔ a ɛdi wɔ akyi no so ama yɛn nkyerɛkyerɛ akɛseɛ, na ɛsɛ sɛ yɛda Israel ase wɔ nkyerɛkyerɛ ne nyansa yeinom ho. Afei, wɔn a wɔkenkan atwerɛ no, ɛnyɛ nteaseɛ nko ara na ɛsɛ sɛ wɔnya, na mmom sɛ wɔdɔ adesua yi, ɛsɛ sɛ wɔtumi fa asɛm no ka ne twerɛ so boa wɔn a wɔwɔ akyire. Ɛno nti, me nana Yesu[1] a watu ne ho asi hɔ titire sɛ ɔbɛkenkan yɛn agyanom Mmara ne Adiyifoɔ ne nwoma afoforɔ, na wanya nimdeɛ a ɛso wɔ mu, na ɔno ankasa nam so atwerɛ biribi a ɛfa nkyerɛkyerɛ ne nyansa ho, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wɔn a wɔn ani bɛka ne nwoma no ho na wɔpɛ adesua no mpo bɛnya nkɔsoɔ kɛseɛ wɔ asetena mu, sɛdeɛ mmara no kyerɛ no. Ɛnneɛ wɔrefrɛ wo sɛ nya adaagyeɛ fa anigyeɛ kenkan, bu w’ani gu kasasini binom a mpo yɛn mmɔdemmɔ a yɛbɔɔ wɔ ne nkyerɛaseɛ mu no anwie mudie no so. Ɛfiri sɛ deɛ wɔdii kan kaae wɔ Hebri kasa mu no nni ɛnkyerɛaseɛ pɛpɛɛpɛ ɛberɛ a wɔbɛkyerɛ aseɛ akɔ kasa foforɔ mu. Ɛnyɛ nwoma yei nko, na mmom Mmara, Nkɔmhyɛ, ne nwoma nkaeɛ no ankasa nso sɛ wokenkan deɛ ɛdi kan no a ɛbɔ abira a ɛnyɛ ketewa. Ɛberɛ a mebaa Misraim wɔ Euergetes ahennie afe a ɛtɔ so aduasa nwɔtwe a metenaa hɔ mmerɛ kakra no, menyaa kwan nyaa nkyerɛkyerɛ kakra. Na ɛhia pa ara sɛ mede me ho si hɔ yɛ adwuma den de kyerɛ nwoma yi ase. Ɛberɛ no mu, awia ne anadwo na mede me nimdeɛ yɛɛ sɛ mɛwie na matintim nwoma no ama wɔn a wɔtete amannɔne a wɔpɛ sɛ wɔnya nimdeɛ na wɔpɛ sɛ wɔbɔ bra sɛdeɛ mmara no kyerɛ no. Nyansa nyinaa firi Awurade, na ne mu na ɛtena daa.

nan nan sentiment

2 Ɛpo mu anwea, nsuo a ɛsosɔ, ne mmerɛ santen mu nna, mframa a ɛwɔ asase soɔ, hwan na ɔbɛtumi akan?

nan nan sentiment

3 Ɔsoro korɔn, asase tɛtrɛtɛ, ebunu kuronkuron, ne nyansa, hwan na ɔbɛtumi ahwehwɛ mu?

nan nan sentiment

4 Wɔdii kan bɔɔ nyansa ansa na wɔrebɔ biribiara, ne anidahɔ nteaseɛ a ɛfiri tete.

nan nan sentiment

7 [Nyansa ho nimdeɛ, hwan na wɔada no adi akyerɛ no? Na ne mu suahunu pii no, hwan na ate aseɛ?][3]

nan nan sentiment

8 Obi nni hɔ ka ɔbaako a ɔyɛ onyansafoɔ no ho, ɛsɛ sɛ wɔsuro no kɛse, ɔte n’ahennwa so, Awurade no.

nan nan sentiment

9 Ɔno ara na ɔbɔɔ nyansa; ɔhunuu nyansa na ɔfaa ne nsusuiɛ; ɔhwiee nyansa guu ne nnwuma nyinaa so,

nan nan sentiment

10 de guu ateasefoɔ nyinaa so sɛdeɛ n’akyɛdeɛ teɛ; ɔde nyansa mmorosoɔ maa wɔn a wɔdɔ no no.[4]

nan nan sentiment
Top 10 Frequent Words